Native Bible

1 Kings 7:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɛfiri sɛ, na ɔyɛ odwumfoɔ a ɔnim kɔbere mfrafraeɛ ho adwinneɛ yie. Na ɔyɛ Israelni fa, ɛfiri sɛ, ne maame yɛ okunafoɔ a ɔfiri Naftali abusuakuo mu. Nʼagya nso na ɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔnane nnadeɛ wɔ Tiro. Enti, ɔbɛyɛɛ adwuma maa ɔhene Salomo.

1 Kings 7:14 in English

1 Kings 7:14 · Berean Standard Bible

He was the son of a widow from the tribe of Naphtali, and his father was a man of Tyre, a craftsman in bronze. Huram had great skill, understanding, and knowledge for every kind of bronze work. So he came to King Solomon and carried out all his work.

Context

12Adihɔ kɛseɛ no afasuo no nso, wɔto de ntweneduro mpunan aduntire baako biara too aboɔ a wɔatwa aduntire mmiɛnsa biara so, te sɛ afasuo a ɛwɔ Awurade Asɔredan mfimfini mu hɔ a ntwonoo kwan ka ho. 13Ɔhene Salomo bisaa ɔbarima bi a ɔfiri Tiro a ne din de Huram ase sɛ ɔmfiri Tiro mmra, 14ɛfiri sɛ, na ɔyɛ odwumfoɔ a ɔnim kɔbere mfrafraeɛ ho adwinneɛ yie. Na ɔyɛ Israelni fa, ɛfiri sɛ, ne maame yɛ okunafoɔ a ɔfiri Naftali abusuakuo mu. Nʼagya nso na ɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔnane nnadeɛ wɔ Tiro. Enti, ɔbɛyɛɛ adwuma maa ɔhene Salomo. 15Huram twaa kɔbere mfrafraeɛ afadum mmienu a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson, ɛnna ne kankomu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. 16Afadum no apampam no, ɔde kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ aduntire a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.