Native Bible

1 Kings 6:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ntwonoo a ɛda asɔredan no anim no tentene yɛ anammɔn aduasa a, ɛne asɔredan no ntrɛmu yɛ pɛ. Na, ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn dunum.

1 Kings 6:3 in English

1 Kings 6:3 · Berean Standard Bible

The portico at the front of the main hall of the temple was twenty cubits * long, extending across the width of the temple and projecting out ten cubits * in front of the temple.

Context

1Mfeɛ ahanan aduɔwɔtwe a wɔgyee Israelfoɔ firii nkoasom mu wɔ Misraim no a na Salomo nso adi Israel so ɔhene mfeɛ ɛnan no bosome Siv (bɛyɛ Kɔtɔnimaa) mu no, ɔhyɛɛ aseɛ sii Awurade Asɔredan no. 2Asɔredan a ɔhene Salomo si maa Awurade no tentenemu yɛ anammɔn aduɔkron, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduanan enum. 3Ntwonoo a ɛda asɔredan no anim no tentene yɛ anammɔn aduasa a, ɛne asɔredan no ntrɛmu yɛ pɛ. Na, ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn dunum. 4Salomo yɛɛ ntokua wɔ ɔfasuo no soro hyiaeɛ. 5Asɔredan no fasukyire no nso, wɔsisii adan bebree fomfam ho hyiaeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.