1 Ahemfo 6:27
1 Kings 6:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Salomo de wɔn sisi bɛnee wɔn ho wɔn ho wɔ asɔredan kronkronbea mu hɔ. Wɔn ataban mu trɛ no firi ɔfasuo baako kɔka ɔfasuo baako. Na wɔn ntaban a ɛwɔ ntam no hyia ɛdan no mfimfini.
1 Kings 6:27 in English
1 Kings 6:27 · Berean Standard Bible
And he placed the cherubim inside the innermost room of the temple. Since their wings were spread out, the wing of the first cherub touched one wall, while the wing of the second cherub touched the other wall, and in the middle of the room their wingtips touched.
Context
25Na Kerubim mmienu no nyinaa tebea ne wɔn kɛseɛ yɛ pɛ 26a ɔbaako biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum. 27Salomo de wɔn sisi bɛnee wɔn ho wɔn ho wɔ asɔredan kronkronbea mu hɔ. Wɔn ataban mu trɛ no firi ɔfasuo baako kɔka ɔfasuo baako. Na wɔn ntaban a ɛwɔ ntam no hyia ɛdan no mfimfini. 28Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa Kerubim mmienu no ho. 29Na kronkronbea mu afasuo ne ɛdan mu no, ɔdii adwini a ɛyɛ Kerubim mmɛdua ne nhwiren guu ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.