1 Ahemfo 6:13
1 Kings 6:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛtena Israel mamfoɔ mu, na merempa me nkurɔfoɔ akyi da.”
1 Kings 6:13 in English
1 Kings 6:13 · Berean Standard Bible
And I will dwell among the Israelites and will not abandon My people Israel.”
Context
11Na Awurade de saa asɛm yi brɛɛ Salomo sɛ, 12“Ɛfa saa Asɔredan a woresie yi ho no, sɛ woyɛ ɔsetie ma me mmara nyinaa ne me nhyehyɛeɛ a, na wodi me ɔhyɛ nsɛm so a, menam wo so bɛdi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Dawid no so. 13Mɛtena Israel mamfoɔ mu, na merempa me nkurɔfoɔ akyi da.” 14Na Salomo wiee asɔredan no sie. 15Na emu nyinaa, ɛfiri fam kɔsi nsamsoɔ no, wɔde nnua na ɛkataa ɔfasuo no anim. Wɔde tweneduro na ɛkataa ɔfasuo no anim, na wɔde pepeaa kataa abrannaa no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.