Native Bible

1 Kings 5:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ne wɔn so sohwɛfoɔ mpem ahasa ne ahansia a, wɔbɛhwɛ adwuma no so.

1 Kings 5:16 in English

1 Kings 5:16 · Berean Standard Bible

not including his 3,300 * foremen who supervised the workers.

Context

14Ɔsomaa wɔn akuakuo kɔɔ Lebanon, bosome biara mu, nnipa ɔpedu kɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbarima baako biara bɛdi bosome baako wɔ Lebanon, na wadi abosome mmienu wɔ efie. Adoniram na na ɔhwɛ saa adwumayɛfoɔ yi so. 15Salomo nso faa nnesoasoafoɔ ɔpeduɔson; faa abopaefoɔ ɔpeduɔwɔtwe firii bepɔ asase no so 16ne wɔn so sohwɛfoɔ mpem ahasa ne ahansia a, wɔbɛhwɛ adwuma no so. 17Ɔhene no hyɛeɛ ma abotwafoɔ no paeeɛ, twaa aboɔdenboɔ no, yiyii ho sɛdeɛ wɔde bɛhyɛ Asɔredan no fapem. 18Mmarima a wɔfiri Gebal kuropɔn mu boaa Salomo ne Huram adansifoɔ no, ma wɔsiesiee nnua ne aboɔ no maa Asɔredan no sie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.