1 Ahemfo 2:38
1 Kings 2:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Simei buaa sɛ, “Wʼatemmuo no yɛ kronn. Biribiara a me wura ɔhene bɛhyɛ sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Enti, Simei tenaa Yerusalem kyɛree yie.
1 Kings 2:38 in English
1 Kings 2:38 · Berean Standard Bible
“The sentence is fair,” Shimei replied. “Your servant will do as my lord the king has spoken.” And Shimei lived in Jerusalem for a long time.
Context
36Ɔhene no soma ma wɔkɔfrɛɛ Simei ka kyerɛɛ no sɛ, “Si efie wɔ Yerusalem ha na tena mu. Nanso, mfiri kuro no mu nkɔ baabiara. 37Na da a wobɛtwa Kidron bɔnhwa no, wobɛwu; na wo mogya bɛgu wʼankasa wo tiri so.” 38Na Simei buaa sɛ, “Wʼatemmuo no yɛ kronn. Biribiara a me wura ɔhene bɛhyɛ sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Enti, Simei tenaa Yerusalem kyɛree yie. 39Na mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Simei asomfoɔ baanu dwane kɔɔ Gathene* Akis, Maaka babarima nkyɛn. Ɛberɛ a Simei hunuu baabi a wɔwɔ no, 40ɔhyehyɛɛ nʼafunumu, kɔɔ Gat, kɔhwehwɛɛ wɔn. Ɔhunuu wɔn no, ɔde wɔn sane baa Yerusalem.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.