1 Ahemfo 18:6
1 Kings 18:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, wɔkyɛɛ asase no mu maa wɔn ho. Ahab faa ɛfa na Obadia nso faa ɛfa.
1 Kings 18:6 in English
1 Kings 18:6 · Berean Standard Bible
So they divided the land to explore. Ahab went one way by himself, and Obadiah went the other way by himself.
Context
4Ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no, Obadia faa adiyifoɔ no ɔha de wɔn kɔsiee abodan mmienu mu a, wɔn mu aduonum biara da ɔbodan baako mu. Na ɔmaa wɔn aduane ne nsuo. 5Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ asase no so nsuwa ne bɔnhwa nyinaa sɛ ebia yɛbɛnya ɛserɛ ama apɔnkɔ ne mfunumu yi awe sɛdeɛ wɔrenwu.” 6Enti, wɔkyɛɛ asase no mu maa wɔn ho. Ahab faa ɛfa na Obadia nso faa ɛfa. 7Obadia nam, nam no, Elia hyiaa no. Obadia hunuu no, kaee no enti, ɔkotoo no wɔ fam kaa sɛ, “Enti, wo nie, me wura Elia?” 8Elia buaa sɛ, “Aane, kɔka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Elia wɔ ha.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.