1 Ahemfo 16:21
1 Kings 16:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na afei, na Israelfoɔ no mu akyɛ mmienu. Na nnipa no mu fa pɛ sɛ wɔma Ginat babarima Tibni di wɔn so ɔhene, ɛnna ɛfa a aka no nso gyinaa Omri akyi.
1 Kings 16:21 in English
1 Kings 16:21 · Berean Standard Bible
At that time the people of Israel were divided: Half of the people supported Tibni son of Ginath as king, and half supported Omri.
Context
19Na ɔno nso ayɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, toaa bɔne a Yeroboam dii Israel anim yɛeɛ no so. 20Simri adedie ho nsɛm nkaeɛ ne ne pɔ bɔne a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 21Na afei, na Israelfoɔ no mu akyɛ mmienu. Na nnipa no mu fa pɛ sɛ wɔma Ginat babarima Tibni di wɔn so ɔhene, ɛnna ɛfa a aka no nso gyinaa Omri akyi. 22Nanso, Omri akyidifoɔ no bu faa Ginat babarima Tibni akyidifoɔ no so. Enti, wɔkumm Tibni, ma Omri dii ɔhene. 23Omri hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel ɛberɛ a ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, ɔdii adeɛ mfeɛ dumienu a ɔde emu nsia tenaa Tirsa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.