1 Ahemfo 15:8
1 Kings 15:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Abiyam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
1 Kings 15:8 in English
1 Kings 15:8 · Berean Standard Bible
And Abijam rested with his fathers and was buried in the City of David, and his son Asa reigned in his place.
Context
6Abiyam nkwa nna mu nyinaa, na akokoakoko da ɔno ne Yeroboam ntam. 7Nsɛm a aka a ɛsisii wɔ Abiyam ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ɔko daa Abia ne Yeroboam ntam ɛberɛ biara. 8Na Abiyam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 9Yeroboam dii ɔhene wɔ Israel ne mfeɛ aduonu so no, Asa bɛdii ɔhene wɔ Yuda. 10Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nanabaa Maaka a na ɔyɛ Absalom babaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.