1 Ahemfo 15:24
1 Kings 15:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Asa wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
1 Kings 15:24 in English
1 Kings 15:24 · Berean Standard Bible
And Asa rested with his fathers and was buried with them in the city of his father David, and his son Jehoshaphat reigned in his place.
Context
22Afei, ɔhene Asa soma kɔɔ Yuda mmaa nyinaa, kɔkaa sɛ ɔhwehwɛ sɛ obiara biara bɛboa asoa ɛdansie aboɔ ne nnua a na Baasa de reyɛ banbɔdwuma wɔ Rama no afiri hɔ. Asa de saa banbɔ nneɛma no kyekyeree kuro Geba a ɛwɔ Benyamin ne Mispa kuro no. 23Asa ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ne tumi kɔduruiɛ no, ne nkuro a ɔkyekyereɛ no nyinaa din no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. Ne nkɔkoraabɔ mu no, ɔyaree ne nan. 24Ɛberɛ a Asa wuiɛ no, wɔsiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 25Yeroboam babarima Nadab hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Israel ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ mmienu mu. Ɔdii adeɛ Israel mfeɛ mmienu. 26Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii nʼagya anammɔn akyi, toaa so yɛɛ bɔne, somm abosom sɛdeɛ na Yeroboam adi Israel anim ama wɔayɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.