1 Ahemfo 13:16
1 Kings 13:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Merentumi nsane mʼakyi. Menni ho ɛkwan sɛ medidi anaa menom nsuo wɔ ha.
1 Kings 13:16 in English
1 Kings 13:16 · Berean Standard Bible
But the man replied, “I cannot return with you or eat bread or drink water with you in this place.
Context
14tii Onyankopɔn onipa no. Ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum bi ase, na odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa no sɛ, “Wo ne Onyankopɔn onipa a wofiri Yuda no anaa?”
Ɔbuaa no sɛ, “Aane, me a.” 15Afei, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔ efie, na kɔdidi.” 16Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Merentumi nsane mʼakyi. Menni ho ɛkwan sɛ medidi anaa menom nsuo wɔ ha. 17Awurade hyɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wodi aduane biara anaa wonom nsuo ɛberɛ a wowɔ hɔ, anaa wofa ɛkwan a wofaa so kɔɔ hɔ no so sane wʼakyi.’ ” 18Odiyifoɔ akɔkoraa no buaa sɛ, “Me nso, meyɛ odiyifoɔ sɛ wo ara. Na ɔbɔfoɔ bi kaa Awurade asɛm kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa no sane bra wo fie, na ɔmmɛdidi na ɔnnom nsuo.’ ” Nanso na odiyifoɔ akɔkoraa no redaadaa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.