1 Ahemfo 1:7
1 Kings 1:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adoniya gyee Seruia* babarima Yoab ne ɔsɔfoɔ Abiatar* too mu, na wɔn nso penee sɛ wɔbɛboa no ama wadi ɔhene.
1 Kings 1:7 in English
1 Kings 1:7 · Berean Standard Bible
So Adonijah conferred with Joab son of Zeruiah and with Abiathar the priest, who supported him.
Context
5Saa ɛberɛ no mu Dawid babarima Adoniya* a na wɔfrɛ ne maame Hagit no yɛɛ ahomasoɔ kaa sɛ ɔbɛsi ne ho ɔhene, ahyɛ nʼagya a wabɔ akɔkoraa no ananmu. Enti, ɔyɛɛ nteaseɛnam, pɛɛ apɔnkɔ kaa ho. Ɔpɛɛ mmarima aduonum, twii nteaseɛnam no ne apɔnkɔ no dii nʼanim. 6Na nʼagya, ɔhene Dawid, nteaa no da, mpo sɛ ɔbɛbisa no sɛ, “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?” Na Adoniya yɛ ɔbarima hoɔfɛfoɔ. Ɔno na na ɔdi Absalom akyi wɔ awoɔ mu. 7Adoniya gyee Seruia* babarima Yoab ne ɔsɔfoɔ Abiatar* too mu, na wɔn nso penee sɛ wɔbɛboa no ama wadi ɔhene. 8Na wɔn a wɔtaa Dawid akyi, na wɔampɛ sɛ wɔboa Adoniya na ɔdi ɔhene no bi ne ɔsɔfoɔ Sadok, Yehoiada babarima Benaia, odiyifoɔ Natan, Simei, Rei ne Dawid ho banbɔfoɔ. 9Adoniya kɔɔ Sohelet boɔ a ɛbɛn En-Rogel asutire ho. Ɛhɔ na ɔde nnwan, anantwie ne anantwie mma bɔɔ afɔdeɛ. Ɔtoo nsa frɛɛ ne nuammarima nyinaa, ɔhene Dawid mmammarima no, ne Yuda adehyeɛ mpanimfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.