1 Korintofoɔ 9:25
1 Corinthians 9:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Obiara a ɔsi agodie mu akan no siesie ne ho di mmara so. Ɔyɛ saa sɛdeɛ ɔbɛnya ahenkyɛ a ɛrenkyɛre, nanso yɛn deɛ yi deɛ, ɛbɛkyɛ akɔsi daapem nyinaa.
1 Corinthians 9:25 in English
1 Corinthians 9:25 · Berean Standard Bible
Everyone who competes in the games trains with strict discipline. They do it for a crown that is perishable, but we do it for a crown that is imperishable.
Context
23Asɛmpa no enti na meyɛɛ yeinom nyinaa na manya mu nhyira bi. 24Monim sɛ mmirika akansie mu, mmirikatufoɔ no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako pɛ na ɔnya akradeɛ no. Enti, tu mmirika no ɛkwan bi so na nya akradeɛ no. 25Obiara a ɔsi agodie mu akan no siesie ne ho di mmara so. Ɔyɛ saa sɛdeɛ ɔbɛnya ahenkyɛ a ɛrenkyɛre, nanso yɛn deɛ yi deɛ, ɛbɛkyɛ akɔsi daapem nyinaa. 26Ɛno enti na meretu mmirika kɔ mʼanim tee akɔwie no. Ɛno enti na mete sɛ okuturukubɔni a ne kuturuku mfom no. 27Mebɔ mmɔden hyɛ me onipadua so na medi no nya, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meka Asɛmpa no kyerɛ afoforɔ a me nso merenyɛ deɛ ɛmfra.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.