1 Korintofoɔ 9:24
1 Corinthians 9:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monim sɛ mmirika akansie mu, mmirikatufoɔ no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako pɛ na ɔnya akradeɛ no. Enti, tu mmirika no ɛkwan bi so na nya akradeɛ no.
1 Corinthians 9:24 in English
1 Corinthians 9:24 · Berean Standard Bible
Do you not know that in a race all the runners run, but only one receives the prize? Run in such a way as to take the prize.
Context
22Wɔn a wɔn gyidie yɛ mmerɛ no, meyɛɛ sɛ wɔn ara sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Meyɛɛ me ho sɛdeɛ ɛfata biara maa nnipa nyinaa, sɛdeɛ mɛtumi afa ɛkwan biara a ɛbɛyɛ yie so magye wɔn mu bi nkwa. 23Asɛmpa no enti na meyɛɛ yeinom nyinaa na manya mu nhyira bi. 24Monim sɛ mmirika akansie mu, mmirikatufoɔ no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako pɛ na ɔnya akradeɛ no. Enti, tu mmirika no ɛkwan bi so na nya akradeɛ no. 25Obiara a ɔsi agodie mu akan no siesie ne ho di mmara so. Ɔyɛ saa sɛdeɛ ɔbɛnya ahenkyɛ a ɛrenkyɛre, nanso yɛn deɛ yi deɛ, ɛbɛkyɛ akɔsi daapem nyinaa. 26Ɛno enti na meretu mmirika kɔ mʼanim tee akɔwie no. Ɛno enti na mete sɛ okuturukubɔni a ne kuturuku mfom no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.