Native Bible

1 Corinthians 7:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛfiri sɛ, sɛ obi atwa twetia na ɔfoforɔ nso ntwaa twetia no nka hwee. Deɛ ɛho hia ne sɛ wobɛdi Onyankopɔn mmara so.

1 Corinthians 7:19 in English

1 Corinthians 7:19 · Berean Standard Bible

Circumcision is nothing and uncircumcision is nothing. Keeping God’s commandments is what counts.

Context

17Mo mu biara ntena ase wɔ akyɛdeɛ a Awurade de akyɛ no no so sɛdeɛ na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no. Yei ne mmara a mekyerɛ wɔ asafo biara mu. 18Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpepa twetia no ho nsɛnkyerɛnnedeɛ biara. Sɛ ɔbarima nso a ɔntwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔtwa twetia. 19Ɛfiri sɛ, sɛ obi atwa twetia na ɔfoforɔ nso ntwaa twetia no nka hwee. Deɛ ɛho hia ne sɛ wobɛdi Onyankopɔn mmara so. 20Sɛdeɛ obiara te a Onyankopɔn frɛɛ no no, ɔntena no saa ara. 21Onyankopɔn frɛɛ wo no na woyɛ akoa anaa? Mma ɛno nha wo na sɛ wowɔ ɛkwan bi a wobɛtumi afa so ade wo ho a, fa so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.