1 Korintofoɔ 7:16
1 Corinthians 7:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔyere a woyɛ Okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu sɛ worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ Okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu sɛ worentumi nnye wo yere nkwa?
1 Corinthians 7:16 in English
1 Corinthians 7:16 · Berean Standard Bible
How do you know, wife, whether you will save your husband? Or how do you know, husband, whether you will save your wife?
Context
14Esiane bɔ a ɔbarima a ɔnyɛ Okristoni de ne ho abɔ ɔbaa no enti, Onyankopɔn bɛgye no na ɔbaa a ɔnyɛ Okristoni no nso, ɛsiane bɔ a ɔde ne ho abɔ ɔbarima no enti, Onyankopɔn bɛte ne ho. Sɛ anyɛ saa a, wɔn mma bɛyɛ sɛ abosonsomfoɔ mma, nanso sɛdeɛ ɛte yi deɛ, wɔyɛ kronkron. 15Na sɛ nso wɔn mu deɛ ɔnyɛ Okristoni no pɛ sɛ ɔte ne ho firi Okristoni no ho a, momma no ɛkwan. Sɛ ɛba saa a, Okristoni no, sɛ ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo sɛ montena ase asomdwoeɛ mu. 16Ɔyere a woyɛ Okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu sɛ worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ Okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahunu sɛ worentumi nnye wo yere nkwa? 17Mo mu biara ntena ase wɔ akyɛdeɛ a Awurade de akyɛ no no so sɛdeɛ na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no. Yei ne mmara a mekyerɛ wɔ asafo biara mu. 18Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpepa twetia no ho nsɛnkyerɛnnedeɛ biara. Sɛ ɔbarima nso a ɔntwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔtwa twetia.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.