1 Korintofoɔ 2:8
1 Corinthians 2:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Aman sodifoɔ biara nnim saa nyansa no. Sɛ wɔnim a, anka wɔremmɔ Awurade a animuonyam ahyɛ no ma no asɛnnua mu.
1 Corinthians 2:8 in English
1 Corinthians 2:8 · Berean Standard Bible
None of the rulers of this age understood it. For if they had, they would not have crucified the Lord of glory.
Context
6Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyini wɔ Honhom mu. Nanso, saa nyansa no nyɛ ewiase nyansa anaa ewiase yi mu tumi ahodoɔ a wɔn tumi resa no. 7Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahinta nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dada sɛ yɛn animuonyam ahyɛdeɛ ansa na wɔrebɔ ewiase. 8Aman sodifoɔ biara nnim saa nyansa no. Sɛ wɔnim a, anka wɔremmɔ Awurade a animuonyam ahyɛ no ma no asɛnnua mu. 9Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Deɛ onipa biara anhunu na wante da,
deɛ onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no,
ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.” 10Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn.
Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kɔsi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.