1 Korintofoɔ 15:56
1 Corinthians 15:56 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Owuo nya ne tumi firi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi firi Mmara no mu.
1 Corinthians 15:56 in English
1 Corinthians 15:56 · Berean Standard Bible
The sting of death is sin, and the power of sin is the law.
Context
54Enti deɛ ɛporɔ de deɛ ɛmporɔ kata ne ho na deɛ ɛbɛwu de deɛ ɛrenwu kata ne ho a, Atwerɛsɛm no bɛba mu sɛ, “Wɔasɛe owuo; nkonim aba!” 55“Owuo, wo nkonim wɔ he?
Owuo, wo nwowɔeɛ wɔ he?” 56Owuo nya ne tumi firi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi firi Mmara no mu. 57Nanso, yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase! 58Enti, me nuanom, monnyina pintinn. Ɛda biara monyɛ Awurade adwuma, ɛfiri sɛ, menim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.