Native Bible

1 Corinthians 13:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Meyɛ abɔfra no mekasaa sɛ abɔfra, medwenee sɛ abɔfra, mesusuu sɛ abɔfra, na meyɛɛ ɔpanin yi, magu mmɔfraasɛm no.

1 Corinthians 13:11 in English

1 Corinthians 13:11 · Berean Standard Bible

When I was a child, I talked like a child, I thought like a child, I reasoned like a child. When I became a man, I set aside childish ways.

Context

9Deɛ yɛnim no ne nkɔm a yɛhyɛ no yɛ fa ne fa bi; 10nanso deɛ ɛyɛ pɛ no nya ba a, deɛ ɛyɛ fa ne fa no bɛgu. 11Meyɛ abɔfra no mekasaa sɛ abɔfra, medwenee sɛ abɔfra, mesusuu sɛ abɔfra, na meyɛɛ ɔpanin yi, magu mmɔfraasɛm no. 12Deɛ yɛhunu no seesei no te sɛ su bi a ɛyɛ kusuu wɔ ahwehwɛ mu. Ɛno akyi, yɛbɛhunu no kann. Deɛ menim seesei no yɛ ɛho fa bi; akyire yi, ɛbɛdi mu te sɛ Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ wɔ me ho no. 13Na afei nneɛma mmiɛnsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.