Native Bible

1 Corinthians 11:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno enti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛ na mo mu pii awuwu no.

1 Corinthians 11:30 in English

1 Corinthians 11:30 · Berean Standard Bible

That is why many among you are weak and sick, and a number of you have fallen asleep.

Context

28Enti ansa na obiara bɛdi burodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ sɛ ɔkari ne ho hwɛ. 29Na sɛ wammu Awurade onipadua no na ɔdi nom firi kuruwa no mu a, ɔdi nom de atemmuo ba nʼankasa so. 30Ɛno enti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛ na mo mu pii awuwu no. 31Sɛ yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yɛrenkɔ Onyankopɔn atemmuo mu. 32Nanso, Awurade bu yɛn atɛn, twe yɛn aso sɛdeɛ ɔremmu yɛne ewiase nyinaa fɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.