Native Bible

1 Corinthians 11:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na sɛ wammu Awurade onipadua no na ɔdi nom firi kuruwa no mu a, ɔdi nom de atemmuo ba nʼankasa so.

1 Corinthians 11:29 in English

1 Corinthians 11:29 · Berean Standard Bible

For anyone who eats and drinks without recognizing the body * eats and drinks judgment on himself.

Context

27Ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi di Awurade burodo no na ɔnom kuruwa no ano wɔ ɛkwan a ɛmfata so a, ɔdi Awurade onipadua ne ne mogya no ho fɔ. 28Enti ansa na obiara bɛdi burodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ sɛ ɔkari ne ho hwɛ. 29Na sɛ wammu Awurade onipadua no na ɔdi nom firi kuruwa no mu a, ɔdi nom de atemmuo ba nʼankasa so. 30Ɛno enti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛ na mo mu pii awuwu no. 31Sɛ yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yɛrenkɔ Onyankopɔn atemmuo mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.