1 Korintofoɔ 10:14
1 Corinthians 10:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfiri ahonisom ho.
1 Corinthians 10:14 in English
1 Corinthians 10:14 · Berean Standard Bible
Therefore, my beloved, flee from idolatry.
Context
12Obiara a ɔdwene sɛ ɔgyina hɔ no, ɔnhwɛ yie na wanhwe ase. 13Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no yɛ deɛ ɛba nnipa akwan mu. Esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so enti, ɔremma ho ɛkwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a, ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano, na woanya ho nyansa nso. 14Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfiri ahonisom ho. 15Mekasa kyerɛ mo sɛ anyansafoɔ. Asɛm a meka no mommua mfa. 16Sɛ yɛnom kuruwa a wɔahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo mogya ayɔnkofa no anaa? Burodo a yɛbubu mu no nso, sɛ yɛdi a, na ɛnyɛ Kristo onipadua ayɔnkoyɛ anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.