Native Bible

1 Chronicles 9:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Akyire no, Meselemia babarima Sakaria na na ɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no ano.

1 Chronicles 9:21 in English

1 Chronicles 9:21 · Berean Standard Bible

Zechariah son of Meshelemiah was the gatekeeper at the entrance to the Tent of Meeting.

Context

19Na Salum yɛ Kore babarima a ɔyɛ Ebiasaf a ɔfiri Kora abusua mu aseni. Na ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ Korafoɔ no na na wɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ kronkronbea hɔ no, sɛdeɛ na wɔn mpanimfoɔ wɛnee Ahyiaeɛ Ntomadan wɔ Awurade atenaeɛ hɔ no. 20Eleasa babarima Pinehas na kane no na ɔhwɛ apono ano ahwɛfoɔ no so, na Awurade ka ne ho. 21Akyire no, Meselemia babarima Sakaria na na ɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no ano. 22Ne nyinaa mu, saa ɛberɛ no, na apono ano ahwɛfoɔ no dodoɔ yɛ ahanu ne dumienu (212) a na wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mmusuadua nkrataa mu wɔ wɔn nkuraaseɛ. Dawid ne Samuel a na ɔyɛ ɔdehunufoɔ no yiyii wɔn agyanom, ɛfiri sɛ na wɔyɛ nokwafoɔ. 23Saa apono ano ahwɛfoɔ yi ne wɔn asefoɔ no, na wɔkyekyɛ wɔn mu kɔwɛn ɛkwan a ɛkɔ Awurade efie, a kane no na ɛyɛ ntomadan no ano.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.