1 Berɛsosɛm 9:13
1 Chronicles 9:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ nyinaa dodoɔ yɛ apem ahanson aduosia. Na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ a wɔyɛ nsiyɛfoɔ. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔsom wɔ Onyankopɔn fie.
1 Chronicles 9:13 in English
1 Chronicles 9:13 · Berean Standard Bible
and 1,760 of their relatives, the heads of their families, able men for the work of the service of the house of God.
Context
11Asaria a ɔyɛ Hilkia babarima, a ɔno nso yɛ Mesulam babarima, na ɔno nso yɛ Sadok babarima, na ɔno nso yɛ Meraiot babarima, na ɔno nso yɛ Ahitub babarima. Na Asaria yɛ Onyankopɔn fie ahwɛfoɔ so panin. 12Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ no bi ne Adaia a ɔyɛ Yeroham babarima, a na ɔno nso yɛ Pashur babarima, na ɔno nso yɛ Malkia babarima ne Masai a ɔyɛ Adiel babarima, na ɔno nso yɛ Yahsera babarima, na ɔno nso yɛ Mesulam babarima, a ɔno nso yɛ Mesilemit babarima, na ɔno nso yɛ Imer babarima. 13Asɔfoɔ a wɔsane baeɛ nyinaa dodoɔ yɛ apem ahanson aduosia. Na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ a wɔyɛ nsiyɛfoɔ. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔsom wɔ Onyankopɔn fie. 14Lewifoɔ a wɔsane baeɛ no yɛ:
Semaia a ɔyɛ Hasub babarima, a na ɔyɛ Asrikam babarima, a na ɔno nso yɛ Hasabia babarima, a na ɔyɛ Merari aseni; 15Bakbakar; Heres; Galal; Mika babarima Matania a ɔyɛ Sikri babarima, na ɔno nso yɛ Asaf babarima,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.