Native Bible

1 Chronicles 7:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛdeɛ na wɔn abusuadua kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofoɔ akyi no, wɔn asefoɔ ɔpeduonu ne ahanu (20,200) wɔ hɔ a wɔtumi dɔm sraa.

1 Chronicles 7:9 in English

1 Chronicles 7:9 · Berean Standard Bible

Their genealogies were recorded according to the heads of their families—20,200 mighty men of valor.

Context

7Na Bela mmammarima yɛ: Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofoɔ baanum yi yɛ mmusua ntuanofoɔ. Nnipa a wɔfiri wɔn asefoɔ mu yɛɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne aduasa ɛnan (22,034). Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din guu wɔn abusuadua krataa mu. 8Na Beker mmammarima din de: Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet. 9Sɛdeɛ na wɔn abusuadua kyerɛ no, na wɔn abusua ntuanofoɔ akyi no, wɔn asefoɔ ɔpeduonu ne ahanu (20,200) wɔ hɔ a wɔtumi dɔm sraa. 10Na Yediael babarima ne: Bilhan. Na Bilhan mmammarima ne: Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar. 11Na wɔyɛ Yediael mmusua no mu ntuanofoɔ a wɔn asefoɔ a na wɔka wɔn ho a wɔtumi dɔm sraa no dodoɔ yɛ ɔpedunson ne ahanu (17,200).

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.