1 Berɛsosɛm 7:22
1 Chronicles 7:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛree yie, na nʼabusuafoɔ bɛkyekyeree ne werɛ.
1 Chronicles 7:22 in English
1 Chronicles 7:22 · Berean Standard Bible
Their father Ephraim mourned for many days, and his relatives came to comfort him.
Context
20Efraim asefoɔ ne:
Sutela, Bered, Tahat, Elada,
Tahat, 21Sabad ne Sutela.
Wɔkunkumm Efraim mmammarima Eser ne Elad wɔ Gat, ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔwia nyɛmmoa firi akuafoɔ a wɔbɛn hɔ no. 22Wɔn agya Efraim suu wɔn kyɛree yie, na nʼabusuafoɔ bɛkyekyeree ne werɛ. 23Ɛno akyi, Efraim kɔɔ ne yere ho, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima. Efraim too no edin Beria ɛsiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafoɔ faa mu no enti. 24Efraim woo ɔbabaa too no edin Seer. Ɔno na ɔkyekyeree nkuro Bet-Horon Anafoɔ, Atifi ne Usen-Seera.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.