1 Berɛsosɛm 4:8
1 Chronicles 4:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ne Kos a nʼasefoɔ ne Anub, Hasobeba ne Harum babarima Aharhel, Harum ne ne mmusua nyinaa.
1 Chronicles 4:8 in English
1 Chronicles 4:8 · Berean Standard Bible
and Koz, who was the father of Anub and Zobebah and of the clans of Aharhel son of Harum.
Context
6Naara woo Ahusam, Hefer, Temeni ne Ahastari. 7Hela woo
Seret, Sohar, Etnan, 8ne Kos a nʼasefoɔ ne Anub, Hasobeba ne Harum babarima Aharhel, Harum ne ne mmusua nyinaa. 9Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yabes a ɔyɛɛ ɔkɛseɛ sene ne nuammarima nyinaa. Ne maame too no edin Yabes, ɛfiri sɛ, ɔnyaa ɔyea wɔ nʼawoɔ mu. 10Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Israel Onyankopɔn sɛ, “Ao, hyira me na trɛ mʼahyeɛ mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ deɛ mɛyɛ biara mu, na yi me firi ɔhaw ne ɔyea nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisadeɛ no maa no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.