Native Bible

1 Chronicles 26:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem mmienu ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, ma wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ.)

1 Chronicles 26:32 in English

1 Chronicles 26:32 · Berean Standard Bible

Among Jerijah’s relatives there were 2,700 capable men who were heads of families. King David appointed them over the Reubenites, the Gadites, and the half-tribe of Manasseh for every matter pertaining to God and to the affairs of the king.

Context

30Hebron abusua mu na Hasabia firi. Ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ a wɔn dodoɔ yɛ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ. 31Bio, Hebron abusua mu na Yeria firi. Sɛdeɛ awoɔ ntoatoasoɔ nkrataa kyerɛ no, ɔno na na ɔyɛ Hebronfoɔ no ntuanoni. (Dawid dii ɔhene no, ne mfeɛ aduanan so, wɔhwehwɛɛ nkrataa mu na wɔhunuu mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Hebron abusua no mu din wɔ kuro Yaser a ɛwɔ Gilead mu. 32Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem mmienu ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, ma wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ.)

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.