Native Bible

1 Chronicles 26:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ a wɔfiri Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.

1 Chronicles 26:19 in English

1 Chronicles 26:19 · Berean Standard Bible

These were the divisions of the gatekeepers who were descendants of Korah and Merari.

Context

17Ɛda biara, na wɔma Lewifoɔ baasia kɔ apueeɛ ɛpono no ho, baanan kɔ atifi ɛpono no ho, baanan nso akɔ anafoɔ ɛpono no ho, na baanu baanu akokɔ adekoradan ahodoɔ no biara ho. 18Ɛda biara, na wɔma baasia kɔ atɔeɛ ɛpono no ho. Baanan kɔ ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adihɔ hɔ. 19Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ a wɔfiri Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu. 20Lewifoɔ a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fie sikakorabea ne adekoradan so. 21Libni fie a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na ɔtua wɔn ano.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.