1 Berɛsosɛm 26:15
1 Chronicles 26:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anafoɔ ɛpono* no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmammarima no hwɛɛ adekoradan no so.
1 Chronicles 26:15 in English
1 Chronicles 26:15 · Berean Standard Bible
The lot for the South Gate fell to Obed-edom, and the lot for the storehouses to his sons.
Context
13Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apono ahodoɔ ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirinhyia a obi adi, anaa nteteeɛ a wanya soɔ. 14Wɔde apueeɛ ɛpono ho dwumadie no hyɛɛ Selemia ne ne ekuo nsa.
Atifi ɛpono ho dwumadie nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafoɔ Sakaria nsa. 15Anafoɔ ɛpono* no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmammarima no hwɛɛ adekoradan no so. 16Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔeɛ ɛpono no ne ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so.
Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn. 17Ɛda biara, na wɔma Lewifoɔ baasia kɔ apueeɛ ɛpono no ho,
baanan kɔ atifi ɛpono no ho,
baanan nso akɔ anafoɔ ɛpono no ho,
na baanu baanu akokɔ adekoradan ahodoɔ no biara ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.