Native Bible

1 Chronicles 23:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Dawid kyekyɛɛ Lewifoɔ no mu akuakuo de mmusuakuo a wɔyɛ Lewi mmammarima Gerson, Kohat ne Merari asefoɔ no din totoo wɔn so.

1 Chronicles 23:6 in English

1 Chronicles 23:6 · Berean Standard Bible

Then David divided the Levites into divisions according to the sons of Levi: Gershom, Kohath, and Merari.

Context

4Na Dawid kaa sɛ, “Wɔn mu mpem aduonu ɛnan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem nsia bɛsom sɛ mpanimfoɔ ne atemmufoɔ. 5Mpem ɛnan bɛyɛ apono ano ahwɛfoɔ na mpem ɛnan foforɔ de nnwontodeɛ a mayɛ no bɛkamfo Awurade.” 6Na Dawid kyekyɛɛ Lewifoɔ no mu akuakuo de mmusuakuo a wɔyɛ Lewi mmammarima Gerson, Kohat ne Merari asefoɔ no din totoo wɔn so. 7Gerson mmammarima ne: Libni ne Simei. 8Libni asefoɔ no mu baasa yɛ: Yehiel (a ɔyɛ abusuapanin), Setam ne Yoɛl.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.