1 Berɛsosɛm 21:7
1 Chronicles 21:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn ampɛ nnipakan no koraa enti, ɔtwee Israel aso wɔ ho.
1 Chronicles 21:7 in English
1 Chronicles 21:7 · Berean Standard Bible
This command was also evil in the sight of God; so He struck Israel.
Context
5bɛkaa nnipa no dodoɔ kyerɛɛ Dawid. Na wɔn dodoɔ yɛ mmarima ɔpepem baako ne ɔpeha a wɔaso ɔsa kɔ wɔ Israel ne ɔpehanan aduɔson wɔ Yuda. 6Nanso, Yoab amfa Lewi ne Benyamin mmusuakuo anka nnipakan no ho, ɛfiri sɛ, na deɛ ɔhene ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no yɛ no ahomete. 7Onyankopɔn ampɛ nnipakan no koraa enti, ɔtwee Israel aso wɔ ho. 8Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Mayɛ bɔne kɛseɛ. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseadeɛ a mayɛ no kyɛ me.” 9Na Awurade kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunumuni no. Na nkra no nie:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.