Native Bible

1 Chronicles 21:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Merema wo nneɛma mmiɛnsa. Yi saa asotweɛ yi mu baako na menyɛ ntia wo.’ ”

1 Chronicles 21:10 in English

1 Chronicles 21:10 · Berean Standard Bible

“Go and tell David that this is what the LORD says: ‘I am offering you three options. Choose one of them, and I will carry it out against you.’”

Context

8Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Mayɛ bɔne kɛseɛ. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseadeɛ a mayɛ no kyɛ me.” 9Na Awurade kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunumuni no. Na nkra no nie: 10“Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Merema wo nneɛma mmiɛnsa. Yi saa asotweɛ yi mu baako na menyɛ ntia wo.’ ” 11Enti, Gad baa Dawid nkyɛn bɛkaa sɛ, “Nneɛma mmiɛnsa a Awurade de ama wo no nie: 12Wopɛ a, yi mfeɛ mmiɛnsa a ɛkɔm kɛseɛ bɛba anaa abosome mmiɛnsa a wʼatamfoɔ bɛkunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yie a, Awurade ɔbɔfoɔ nam so de ɔsɛeɛ bɛba Israel asase so. Dwene yei ho, na ma menhunu mmuaeɛ ko a memfa nkɔma Awurade.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.