1 Berɛsosɛm 19:8
1 Chronicles 19:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofoɔ sɛ wɔne wɔn nkɔko.
1 Chronicles 19:8 in English
1 Chronicles 19:8 · Berean Standard Bible
On hearing this, David sent Joab and the entire army of mighty men.
Context
6Afei, Amonfoɔ hunuu abufutrasoɔ a wɔahyɛ Dawid no, Hanun ne Amonfoɔ soma maa wɔde dwetɛ nkariboɔ ani tɔno 38 kɔgyee nteaseɛnam ne akodɔm firii Aram-naharaim, Aram-maaka ne Soba. 7Wɔsane pɛɛ nteaseɛnam mpem aduasa mmienu, na wɔnyaa akyigyina firii Maakahene ne nʼakodɔm nkyɛn. Saa akodɔm yi kyeree nsraban wɔ Medeba, ɛhɔ na Amon akodɔm a Hanun nya firii nʼankasa nkuro so no kɔkaa wɔn ho. 8Ɛberɛ a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofoɔ sɛ wɔne wɔn nkɔko. 9Amonfoɔ akodɔm no bɛgyinagyinaa kuro no ɛpono ano, na ahemfo a wɔaka no nso gyinagyinaa ɛserɛ no so. 10Ɛberɛ a Yoab hunuu sɛ ɛsɛ dɔm no anim kyerɛ ne so wɔ nʼanim ne nʼakyi no, ɔyii nʼakodɔm no mu akofoɔ a wɔnim ako no. Ɔde wɔn hyɛɛ nʼankasa ase, dii wɔn anim kɔko tiaa Aramfoɔ no a wɔgyinagyina ɛserɛ so no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.