Native Bible

1 Chronicles 19:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Hanun kyeree Dawid abɔfoɔ no, werɛɛ wɔn abɔgyesɛ, twitwaa wɔn ntadeɛ ano wɔ wɔn to ase, maa wɔsane de animguaseɛ kɔɔ Dawid nkyɛn.

1 Chronicles 19:4 in English

1 Chronicles 19:4 · Berean Standard Bible

So Hanun took David’s servants, shaved their beards, cut off their garments at the hips, and sent them away.

Context

2Dawid kaa sɛ, “Me ne Hanun bɛyɛ baako, ɛfiri sɛ, nʼagya Nahas ne me yɛɛ baako nokorɛm.” Ɛno enti, Dawid tuu abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Hanun nkyɛn, kɔmaa no hyɛden wɔ nʼagya wuo no enti. Nanso, ɛberɛ a abɔfoɔ no duruu Amon asase so no, 3Hanun afotufoɔ bisaa no sɛ, “Enti, wogye di ampa ara sɛ, saa mmarima yi baa sɛ wɔrebɛhyɛ wʼagya animuonyam? Dabi! Dawid asoma wɔn sɛ wɔmmɛsra asase yi, na wɔnam so ako agye.” 4Enti, Hanun kyeree Dawid abɔfoɔ no, werɛɛ wɔn abɔgyesɛ, twitwaa wɔn ntadeɛ ano wɔ wɔn to ase, maa wɔsane de animguaseɛ kɔɔ Dawid nkyɛn. 5Ɛberɛ a Dawid tee asɛm no, ɔtuu abɔfoɔ kɔɔ abɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔntena Yeriko kɔsi sɛ wɔn abɔgyesɛ no bɛfu, ɛfiri sɛ, na wɔn ho ayɛ fɛreɛ. 6Afei, Amonfoɔ hunuu abufutrasoɔ a wɔahyɛ Dawid no, Hanun ne Amonfoɔ soma maa wɔde dwetɛ nkariboɔ ani tɔno 38 kɔgyee nteaseɛnam ne akodɔm firii Aram-naharaim, Aram-maaka ne Soba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.