Native Bible

1 Chronicles 17:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan sɛ,

1 Chronicles 17:3 in English

1 Chronicles 17:3 · Berean Standard Bible

But that night the word of God came to Nathan, saying,

Context

1Afei, ɛberɛ a Dawid nyaa atenaseɛ wɔ nʼahemfie hɔ no, ɔka kyerɛɛ odiyifoɔ Natan sɛ, “Me deɛ manya ahemfie a wɔde ntweneduro asi no fɛfɛ mu atena, nanso Awurade Apam Adaka no deɛ, ɛhyɛ ntomadan mu.” 2Natan buaa sɛ, “Deɛ ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.” 3Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan sɛ, 4“Kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wosi asɔredan ma me tena mu. 5Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firii Misraim bɛsi ɛnnɛ, mentenaa asɔredan mu da. Daa, mete ntomadan mu na wɔde di atutena.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.