Native Bible

1 Chronicles 16:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛda no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ:

1 Chronicles 16:7 in English

1 Chronicles 16:7 · Berean Standard Bible

On that day David first committed to Asaph and his brothers this song of thanksgiving to the LORD:

Context

5Asaf a na ɔda kuo yi ano no bɔɔ kyankyan no. Na nʼabadiakyirefoɔ yɛ Sakaria a ɔtɔ so mmienu, afei, Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten. 6Asɔfoɔ Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntotorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim. 7Saa ɛda no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ: 8Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi. Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ. 9Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no; monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.