Native Bible

1 Chronicles 15:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔyii Kenania a ɔyɛ Lewifoɔ panin no sɛ ɔnna nnwontokuo no ano, ɛsiane ne nimdeɛ enti.

1 Chronicles 15:22 in English

1 Chronicles 15:22 · Berean Standard Bible

Chenaniah the head Levite was the director of the music because he was highly skilled.

Context

20Wɔyii Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia sɛ wɔmmɔ mmɛnta no. 21Wɔyii Matitia, Elifelehu, Miknela, Obed-Edom, Yeiel ne Asasia sɛ wɔmmɔ asankuten no. 22Wɔyii Kenania a ɔyɛ Lewifoɔ panin no sɛ ɔnna nnwontokuo no ano, ɛsiane ne nimdeɛ enti. 23Wɔyii Berekia ne Elkana sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no. 24Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia ne Elieser a wɔn nyinaa yɛ asɔfoɔ no na wɔbɛto santen adi Onyankopɔn Apam Adaka no anim, ahyɛn ntotorobɛnto no. Wɔyii Obed-Edom ne Yehia nso sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.