1 Berɛsosɛm 12:2
1 Chronicles 12:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔn nyinaa yɛ agyantofoɔ toamfomfoɔ. Na wɔtumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa to agyan ne ahwimmoɔ. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu.
1 Chronicles 12:2 in English
1 Chronicles 12:2 · Berean Standard Bible
they were archers using both the right and left hands to sling stones and shoot arrows; and they were Saul’s kinsmen from Benjamin):
Context
1Ɛberɛ a Dawid dwane firii Kis babarima Saulo anim kɔhintaa wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔmm no. Na wɔka nnɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodie mu. 2Na wɔn nyinaa yɛ agyantofoɔ toamfomfoɔ. Na wɔtumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa to agyan ne ahwimmoɔ. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu. 3Na deɛ ɔtua wɔn ano yɛ Semaa a ɔfiri Gibea no babarima Ahieser. Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabadiakyire. Yeinom ne nnɔmmarima no nkaeɛ:
Asmawet mmammarima Yesiel ne Pelet;
Beraka ne Yehu a wɔfiri Anatot; 4Ismaia a ɔfiri Gibeon, ɔkofoɔ kɛseɛ ne ntuanoni wɔ Aduasa no mu;
Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Yosabad a wɔfiri Gedera;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.