Native Bible

1 Chronicles 12:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a Dawid dwane firii Kis babarima Saulo anim kɔhintaa wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔmm no. Na wɔka nnɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodie mu.

1 Chronicles 12:1 in English

1 Chronicles 12:1 · Berean Standard Bible

Now these were the men who came to David at Ziklag, while he was still banished from the presence of Saul son of Kish (they were among the mighty men who helped him in battle;

Context

1Ɛberɛ a Dawid dwane firii Kis babarima Saulo anim kɔhintaa wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔmm no. Na wɔka nnɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodie mu. 2Na wɔn nyinaa yɛ agyantofoɔ toamfomfoɔ. Na wɔtumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa to agyan ne ahwimmoɔ. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu. 3Na deɛ ɔtua wɔn ano yɛ Semaa a ɔfiri Gibea no babarima Ahieser. Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabadiakyire. Yeinom ne nnɔmmarima no nkaeɛ: Asmawet mmammarima Yesiel ne Pelet; Beraka ne Yehu a wɔfiri Anatot;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.