1 Berɛsosɛm 10:11
1 Chronicles 10:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no,
1 Chronicles 10:11 in English
1 Chronicles 10:11 · Berean Standard Bible
When the people of Jabesh-gilead heard about everything the Philistines had done to Saul,
Context
9Enti, wɔyiyii Saulo akodeɛ firii ne ho, twaa ne ti. Afei wɔbɔɔ Saulo wuo no ho dawuro, maa wɔn ahoni ne nnipa a wɔwɔ Filistia nyinaa teeɛ. 10Wɔde nʼakodeɛ no guu wɔn anyame no abosonnan mu, na wɔkyekyeree ne ti no fam Dagon asɔredan no ɔfasuo ho. 11Nanso, Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no, 12wɔn akofoɔ kɔfaa Saulo ne ne mmammarima baasa no amu baa Yabes. Na wɔsiee wɔn amu wɔ odum dua bi a ɛwɔ Yabes ase, na wɔdii mmuada nnanson. 13Na Saulo wuiɛ, ɛfiri sɛ, wanni Awurade nokorɛ. Wanni Awurade ahyɛdeɛ so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.