Native Bible

1 Chronicles 1:44 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

1 Chronicles 1:44 in English

1 Chronicles 1:44 · Berean Standard Bible

When Bela died, Jobab son of Zerah from Bozrah reigned in his place.

Context

42Na Eser mmammarima yɛ Bilhan, Saawan ne Akan. Na Disan mmammarima yɛ Us ne Aran. 43Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom so ansa na Israelfoɔ renya ahemfo: Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii ɔhene. 44Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 45Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 46Husam owuo akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.