Native Bible

Zechariah 3:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina nʼanim no sɛ, “Monnyi ne ho ntadeɛ fi no.” Afei ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Hwɛ, mayi wo bɔne afiri wo so, na mede ntadeɛ a ɛyɛ fɛ bɛhyɛ wo.”

Zechariah 3:4 in English

Zechariah 3:4 · Berean Standard Bible

So the angel said to those standing before him, “Take off his filthy clothes!” Then he said to Joshua, “See, I have removed your iniquity, and I will clothe you with splendid robes.”

Context

2Na Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Awurade nka wʼanim, Satan! Awurade a Yerusalem yɛ ne dea no nka wʼanim. Saa ɔbarima yi nyɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu anaa?” 3Na Yosua hyɛ ntadeɛ fi ɛberɛ a ɔgyina ɔbɔfoɔ no anim. 4Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina nʼanim no sɛ, “Monnyi ne ho ntadeɛ fi no.” Afei ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Hwɛ, mayi wo bɔne afiri wo so, na mede ntadeɛ a ɛyɛ fɛ bɛhyɛ wo.” 5Afei, mekaa sɛ, “Momfa abotire a ani teɛ mmɔ ne ti.” Enti, wɔde abotire a ani teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atadeɛ, ɛberɛ a Awurade ɔbɔfoɔ no gyina hɔ. 6Na Awurade ɔbɔfoɔ de saa akwankyerɛ yi maa Yosua:

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.