Native Bible

Zechariah 14:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Awurade bɛkɔ akɔko atia saa aman no, sɛdeɛ ɔko ɔko da no.

Zechariah 14:3 in English

Zechariah 14:3 · Berean Standard Bible

Then the LORD will go out to fight against those nations, as He fights in the day of battle.

Context

1Awurade ɛda bi reba a, wɔbɛkyɛ mo afodeɛ wɔ mo mu. 2Mɛboaboa aman no nyinaa ano abɛko atia Yerusalem; wɔbɛko afa kuropɔn no, wɔbɛwia afie mu nneɛma, na wɔato mmaa no monnaa. Wɔbɛfa kuropɔn no mu nnipa no mu fa akɔ nnommum mu, nanso nkaeɛfoɔ no bɛka kuropɔn no mu. 3Afei, Awurade bɛkɔ akɔko atia saa aman no, sɛdeɛ ɔko ɔko da no. 4Saa ɛda no, ɔde nʼanammɔn bɛsisi Ngo Bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no so, na Ngo Bepɔ no mu bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam na ayɛ bɔnhwa kɛseɛ. Ɛbɛma bepɔ no fa akɔ atifi fam, na ɛfa nso akɔ anafoɔ fam. 5Mobɛdwane afa me bɔnhwa no mu, ɛfiri sɛ, ɛkɔsi Asel.* Mobɛdwane, sɛdeɛ moyɛɛ no ɛberɛ a asase wosooɛ wɔ Yudahene Usia berɛ so no. Afei, Awurade, me Onyankopɔn bɛba a ahotefoɔ nyinaa ka ne ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.