Native Bible

Zechariah 14:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei bɛyɛ asotwe ama Misraim ne aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no nyinaa.

Zechariah 14:19 in English

Zechariah 14:19 · Berean Standard Bible

This will be the punishment of Egypt and of all the nations that do not go up to celebrate the Feast of Tabernacles.

Context

17Sɛ ewiase mu nnipa bi ankɔ Yerusalem ankɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no a, osuo rentɔ mma wɔn. 18Sɛ Misraimfoɔ ankɔ hɔ ankɔhyɛ fa no bi a, osuo rentɔ mma wɔn. Awurade de ɔyaredɔm a ɔma ɛba aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no so no bɛbɔ wɔn. 19Yei bɛyɛ asotwe ama Misraim ne aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no nyinaa. 20Saa ɛda no, wɔbɛkrukyire asɛm a ɛka sɛ: KRONKRON MA Awurade* wɔ adɔmma a ɛsensɛn apɔnkɔ kɔn mu ho, na nkukuo a wɔde noa aduane wɔ Awurade fie no bɛyɛ sɛ nkuruwa kronkron a ɛsisi afɔrebukyia anim. 21Kukuo biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda bɛyɛ deɛ wɔate ho ama Asafo Awurade, na wɔn a wɔba bɛbɔ afɔdeɛ nyinaa bɛfa nkukuo yi bi anoa mu. Na saa ɛda no, wɔrenhunu Kanaanni wɔ Asafo Awurade fie bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.