Native Bible

Zechariah 11:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Merenhunu asase no so nnipa mmɔbɔ bio,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko ne ɔhene nsa. Wɔbɛhyɛ asase no so, na merennye obiara mfiri wɔn nsa mu.”

Zechariah 11:6 in English

Zechariah 11:6 · Berean Standard Bible

For I will no longer have compassion on the people of the land, declares the LORD, but behold, I will cause each man to fall into the hands of his neighbor and his king, who will devastate the land, and I will not deliver it from their hands.”

Context

4Yei ne deɛ Awurade me Onyankopɔn seɛ: “Fa nnwankuo a wɔrebɛku wɔn no kɔ adidibea. 5Atɔfoɔ no kunkumm nnwan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nnwan no ka sɛ, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefoɔ!’ Na nnwan no ahwɛfoɔ no mpo nnya ahummɔborɔ mma wɔn. 6Merenhunu asase no so nnipa mmɔbɔ bio,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko ne ɔhene nsa. Wɔbɛhyɛ asase no so, na merennye obiara mfiri wɔn nsa mu.” 7Enti mede nnwankuo a wɔrekɔkum wɔn no kɔɔ adidibea, ne titire ne wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ no. Afei, mefaa poma mmienu, na mefrɛɛ baako Adɔeɛ ɛnna baako nso Nkabom na mede wɔn kɔɔ adidie. 8Ɔbosome baako mu, mepamoo nnwanhwɛfoɔ mmiɛnsa no. Nnwankuo no ampɛ me, na wɔmaa me brɛeɛ

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.