Titus 3:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɔgyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɔnam nʼahummɔborɔ mu ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa, ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforɔ ama yɛn nkwa foforɔ.
Titus 3:5 in English
Titus 3:5 · Berean Standard Bible
He saved us, not by the righteous deeds we had done, but according to His mercy, through the washing of new birth * and renewal by the Holy Spirit.
Context
3Kane no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafoɔ, asoɔdenfoɔ, ne abɔnefoɔ. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigyeɛ ahodoɔ nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibereɛ ho. Afoforɔ tanee yɛn maa yɛn nso yɛtanee wɔn. 4Nanso, ɛberɛ a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamyɛ ne ne dɔ daa adi no, 5ɔgyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɔnam nʼahummɔborɔ mu ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa, ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforɔ ama yɛn nkwa foforɔ. 6Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so 7sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼadom enti, yɛbɛyɛ daa nkwa no anidasoɔ ho adedifoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.