Nnwom Mu Dwom 6:7
Song of Songs 6:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu te sɛ ateaa aduaba fa.
Song of Songs 6:7 in English
Song of Songs 6:7 · Berean Standard Bible
Your brow behind your veil is like a slice of pomegranate.
Context
5Ɛnhwɛ me saa;
wo ma me yɛ basaa.
Wo tirinwi te sɛ mpapokuo a
wɔresiane firi Gilead. 6Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ,
a wɔfiri adwareɛ.
Wɔnam mmienu mmienu
na wɔn mu biara nyɛ ankonam. 7Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu
te sɛ ateaa aduaba fa. 8Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia,
mpenafoɔ bɛyɛ aduɔwɔtwe,
ne mmabaawa dodoɔ a wɔntumi nkan wɔn; 9nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm da mu fua;
ɔno nko ara ne ne maame babaa,
ɔno na deɛ ɔwoo no no pɛ nʼasɛm.
Mmabaawa hunu no no, wɔfrɛɛ no nhyira;
ahemaa ne mpenafoɔ kamfoo no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.