Ruth 3:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbisaa sɛ, “Na hwan nie?” Ɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ me wo ɔsomfoɔ Rut. Trɛ* wo nkatasoɔ no mu kakra gu me so na woyɛ mʼabusua gyefoɔ.”
Ruth 3:9 in English
Ruth 3:9 · Berean Standard Bible
“Who are you?” he asked. “I am your servant Ruth,” she replied. “Spread the corner of your garment * over me, for you are a kinsman-redeemer.*”
Context
7Boas didi wieeɛ no a ne honhom aba ne ho no, ɔkyeaa ne ho too atokoɔ mmoano no ho, na ɔfaa mu daeɛ. Rut yɛɛ nwaa kɔyii ne nan ho akatasoɔ na ɔdaa hɔ. 8Anadwo dasuo mu no, Boas bɔɔ pitiri danee ne ho. Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔhunuu sɛ ɔbaa da ne nan ase. 9Ɔbisaa sɛ, “Na hwan nie?”
Ɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ me wo ɔsomfoɔ Rut. Trɛ* wo nkatasoɔ no mu kakra gu me so na woyɛ mʼabusua gyefoɔ.” 10Na Boas kaa sɛ, “Awurade nhyira wo, me babaa! Worekyerɛ abusua dɔ a ebi mmaa da sɛ woankɔdi aberantewaa bi akyi, sɛ ɔwɔ sika anaa ɔyɛ ohiani. 11Afei, me babaa, mma hwee nha wo. Mɛyɛ deɛ ɛho hia, ɛfiri sɛ, obiara a ɔwɔ kuro yi mu nim sɛ woyɛ ɔbaa a wodi wo ho ni.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.