Native Bible

Ruth 2:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Rut ne mmaa a wɔwɔ Boas afuom hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atokoɔ no ano kɔsii atokotwa no awieeɛ. Afei, ɔne wɔn twaa ayuo nso. Nanso, saa ɛberɛ no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte.

Ruth 2:23 in English

Ruth 2:23 · Berean Standard Bible

So Ruth stayed close to the servant girls of Boaz to glean grain until the barley and wheat harvests were finished. And she lived with her mother-in-law.

Context

21Rut kaa sɛ, “Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, mpo, Boas ka kyerɛɛ me sɛ, mensane mmra na me ne nʼatwafoɔ no mmɛtena kɔsi ɛberɛ a wɔbɛwie otwa no.” 22Naomi teaam sɛ, “Anwanwasɛm nie! Yɛ deɛ ɔka no. Wo ne nʼadwumayɛfoɔ no ntena kɔsi sɛ wɔbɛwie otwa no. Wʼasom bɛdwo wo wɔ hɔ sen afuo biara mu.” 23Enti, Rut ne mmaa a wɔwɔ Boas afuom hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atokoɔ no ano kɔsii atokotwa no awieeɛ. Afei, ɔne wɔn twaa ayuo nso. Nanso, saa ɛberɛ no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.